Psalms 12

Dawid dwom.


1 Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofo asa;
nokwafo ayera wɔ nnipa mu.

2 Obiara di atoro kyerɛ ne yɔnko;
wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm.


3 Ma Awurade ntwa nnaadaa ano
ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho nkyene;

4 nea ɛka se, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bedi nkonim;
yɛn ano bedi ama yɛn, na hena na odi yɛn so tumi?”


5 “Esiane ɔhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni
ne ohiani apinisi no nti,
mɛsɔre afei,” Awurade na ose.
“Mɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn a wɔhaw wɔn no ho.”

6 Awurade asɛm yɛ nokware
te sɛ dwetɛ a wɔasɔn so wɔ fononoo mu,
na wɔahoa ho mpɛn ason.


7 Awurade, wobɛkora mmɔborɔni
na woabɔ yɛn ho ban afi saa nnipa yi ho afebɔɔ.

Amumɔyɛfo nenam sɛnea wɔpɛ,
bere a adesamma de nidi ma afide.

Wɔde ma dwonkyerɛfo.

8
Copyright information for TwiAKNA